[1] Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, ne man mu.
[2] Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, mede wo bɔne nyinaa akyɛ wo”
[3] Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
[4] Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na modwene bɔne ho saa?
[5] Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’”
[6] Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ fie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.”
[7] Amonom hɔ ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie!
[8] Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!
[9] Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima togyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.
[10] Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ.
[11] Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidie no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte seyie?”
[12] Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn.”
[13] Ɔsan kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”
[14] Da bi Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn nti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?”
[15] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa berɛ no na wɔbɛdi mmuada.
[16] “Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtɛ ntoma dada mu? Saa ntɛmu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ.
[17] Hwan na ɔde nsa foforɔ bɛgu aboa nwoma nsa nkotokuo dada mu? Sɛ ɔyɔ saa a, nsa no bɛpae nkotokuo no ama nsa no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsa no mu biara ansɛe.”
[18] Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”
[19] Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no siim sɛ wɔrekɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ no fie.
[20] Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfenhyia dumienu faa nʼakyi, sɔɔ nʼatadeɛ ano.
[21] Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
[22] Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa berɛ no mu, ne ho tɔɔ no.
[23] Yesu duruu ɔkyerɛkyerɛfoɔ no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,
[24] ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no.
[25] Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ.
[26] Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtamu hɔ nyinaa.
[27] Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
[28] Yesu duruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”
[29] Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɔ deɛ mohwehwɛ mma mo!”
[30] Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nnkyerɛ obiara.”
[31] Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.
[32] Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a hohommɔne wɔ ne so brɛɛ no.
[33] Yesu tuu hohommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa hohommɔnetuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
[34] Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de hohommɔne ahyɛ no ma nti na ɔtumi tu ahohommɔne no.”
[35] Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree.
[36] Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɔ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ.
[37] Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɔfoɔ no deɛ, wɔsua.
[38] Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɔfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.”