[1] Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu.
[2] Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!”
[3] Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awieeɛ a ɛbɛba no?”
[4] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
[5] Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
[6] Sɛ mote sɛ wɔafiri akodie ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ.
[7] Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɔkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.
[8] Yeinom nyinaa bɛyɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.
[9] “Sɛ moyɛ me deɛ nti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔaku mo wɔ wiase afanan nyinaa,
[10] na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho.
[11] Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
[12] Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
[13] Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa.
[14] “Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahennie no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awieeɛ no bɛba.
[15] “Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ‘Deɛ ɔkenkan no ɔnte yei ase!’
[16] Wɔn a wɔte Yudea no nnwane nkɔ Yuda mmepɔ so.
[17] Wɔn a wɔtete wɔn afie mu no nso nnwane a wɔmfa biribiara mfiri wɔn adan mu.
[18] Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntoma.
[19] “Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa berɛ no mu no nnue.
[20] Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ anaa Homeda.
[21] Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.
[22] “Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.
[23] “Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ dohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnnye nnni.
[24] Atorɔ Kristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no.
[25] Mabɔ mo kɔkɔ dada.
[26] “Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ ɛserɛ so a, monnha mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a, monnnye nnni!
[27] Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no.
[28] Na deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.
[29] “Ɔtaa no akyiri pɛ, awia bɛduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ soro no.
[30] “Afei, Onipa Ba no ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na wiase amanaman bɛhu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro mununkum mu reba.
[31] Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ mmɛnson aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano.
[32] “Afei, monsua biribi mfiri ankaa dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, san yi ahaban foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ atue.
[33] Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ saa nnoɔma yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ meba a mɛsan aba no abɛn, aduru apon ano.
[34] Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nnoɔma yi nyinaa aba mu ansa.
[35] “Ɛsoro na asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa.
[36] Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim.
[37] “Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ.
[38] Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii da a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu,
[39] na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
[40] “Saa berɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɔ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako.
[41] Saa ara nso na mmaa baanu a wɔwɔ fie renoa aduane no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako no no.
[42] Enti, monwɛn ɛfiri sɛ, monnim da ko a Awurade bɛba.
[43] “Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no,
[44] saa ara na mobɛtumi asiesie mo ho, awɛn de atwɛn me ba a mɛba a obiara nnim berɛ ko no.
[45] “Woyɛ Awurade akoa onyansafoɔ nokwafoɔ anaa? Mama wo adwuma sɛ hwɛ me fie so, na da biara ma me mʼasomfoɔ aduane nni anaa?
[46] Nhyira nka wo sɛ, mɛsan aba abɛto wo sɛ, wode nokorɛ reyɔ wʼadwuma.
[47] Mede biribiara a mewɔ no bɛhyɛ saa nokwafoɔ no nsa na wahwɛ so!
[48] Na sɛ woyɛ akoa bɔne, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me Wura nnya mmaeɛ,’
[49] na wofiti aseɛ ha wo mfɛfoɔ nkoa, na wodidi, boro nsa a,
[50] wo Wura no bɛba ɛda a wʼani nna no kwan,
[51] na wabɛtwa wo mmaa a ano yɛ den, na ɔde wo akɔ deɛ wɔbu nyaatwomfoɔ atɛn; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.