[1] Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɔkɔm dee asuafoɔ no maa wɔpempanee aburoo no bi weeɛ.
[2] Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɔ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?”
[3] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɔeɛ, berɛ a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no?
[4] Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii brodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan sɛ wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara sobuo.
[5] Na monnsan nnkan mmfirii Mose mmara no mu, sɛ asɔfoɔ a wɔyɔ asɔrefie adwuma no tumi yɔ adwuma Homeda nso?
[6] Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha!
[7] Sɛ moakan ate asɛm a ɛse, ‘Mmmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.
[8] Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”.
[9] Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu.
[10] Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?” Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔbɛnya kwan atoto nʼano na wɔakye no!
[11] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no.
[12] Onipa som bo sene odwan! Yei nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda”.
[13] Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no.
[14] Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu aku no no ho agyina.
[15] Ɛsiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ.
[16] Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɔeɛ no ho dawuro.
[17] Yei maa nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ sɛ:
[18] “Monhwɛ mʼakoa a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no, mede me honhom mɛgu no so. Na wabu amanaman atɛn.
[19] Ɔrenko, na ɔrenteateam. Na obi rente ne nne abɔnten so!
[20] Ɔrensɛe deɛ ɛyɛ mmerɛ. Ɔrempa anidasoɔ a ɛsua; ɔde ne nkonimdie bɛtwa basabasayɛ nyinaa tia.
[21] Na ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ” no, baa mu.
[22] Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirafoɔ na hohommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ san hunuu adeɛ.
[23] Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Gyama Yesu yi ne Agyenkwa no!”
[24] Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɔeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahohommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɛtu ahohommɔne”.
[25] Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina.
[26] Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a na, ɛkyerɛ sɛ, ɔne ne ho na ɛreko de asɛe nʼahemman.
[27] Sɛ mose menam ɔbonsam tumi so na ɛtu ahohommɔne a, tumi bɛn so na mo nkurɔfoɔ gyina tu ahohommɔne? Mo ara mo nkurɔfoɔ mmua mfa.
[28] Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahohommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so.
[29] Obi ntumi nkɔ ɔbonsam ahemman mu, nkɔwia no agye sɛ, onipa ko no di kan de homa kyekyere no.
[30] Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔmmoa me mma memmoaboa ano no nso hwete mu. Ɛno ansa na wobɛtumi awia no.
[31] “Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso deɛ ɔbɛka abususɛm atia Hohom Krokron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no.
[32] Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da.
[33] “Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne.
[34] Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ koma ma abu so no na ano ka.
[35] Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi.
[36] Mereka makyerɛ mo sɛ, atɛmmu da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta.
[37] Wʼanom asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”.
[38] Da bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn.
[39] Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnne. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho.
[40] Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa.
[41] Atɛmmu da no, Niniwe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha, nso monnye no nni.
[42] Atɛmmu da no, Sheba hemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano dohoa bɛtiee ɔhene Salomo nyansa. Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔsene ɔhene Salomo no wɔ ha nanso, mompɛ sɛ motie no.
[43] “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a hohommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ hohommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi.
[44] Sɛ ɛba saa a, deɛ hohommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsane makɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu a, ɔhunu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ.
[45] Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahohommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no.”
[46] Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.
[47] Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa”.
[48] Yesu kaa sɛ, “Hwan ne me maaame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
[49] Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom”.
[50] Ɔsan kaa bio sɛ, “Obiara a ɔbɛyɔ mʼagya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame”.