[1] Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ.
[2] Afei, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
[3] Saa berɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsan de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ,
[4] “Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.”
[5] Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔkyɛɛ homa.
[6] Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho kwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.”
[7] Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no.
[8] Enti, na wɔda so frɛ saa asase no sɛ, “Mogya Asase” de bɛsi nnɛ yi.
[9] Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ, “Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu sɛ ɛfata,
[10] ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
[11] Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Agyenkwa no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane.”
[12] Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.
[13] Pilato bisaa no sɛ, “Wonte deɛ wɔreka no anaa?”
[14] Nanso, Yesu anka hwee maa ɛyɛɛ amrado no nwanwa.
[15] Na ɛyɛ amrado no amanneɛ sɛ afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no.
[16] Saa afe no mu, na onipa bɔnefoɔ bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.
[17] Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”
[18] Na ɔnim pefee sɛ Yudafoɔ mpanin no de ɔtan na akyere Yesu ɛfiri sɛ, na wagye din.
[19] Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma maa wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.”
[20] Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu.
[21] Enti, ɛberɛ a amrado no san bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?” Na, ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!”
[22] Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
[23] Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɔ?” Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
[24] Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɔ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, maa ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
[25] Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio sɛ, “Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so.”
[26] Afei Pilato yii Baraba firii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu.
[27] Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ
[28] Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,
[29] ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim fitii aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛw sɛ, “Yudafoɔ Hene, wo nkwa so.”
[30] Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam.
[31] Wɔdii ne ho fɛw wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no san hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
[32] Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi.
[33] Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne “Ne Tire So.”
[34] Ɛhɔ na asraafoɔ no maa no nsa nwononwono bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.
[35] Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto kyekyɛ faeɛ.
[36] Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no.
[37] Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ, “Yesu, Yudafoɔ Hene No Ni.”
[38] Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
[39] Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛw sɛ,
[40] “Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!”
[41] Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛw sɛ,
[42] “Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ hene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni.
[43] Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ”
[44] Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso fitii aseɛ dii ne ho fɛw.
[45] Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so mmaa nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa.
[46] Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Aseɛ kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?”
[47] Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante aseɛ susuu sɛ ɔrefrɛ Elia.
[48] Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsa nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.
[49] Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa sɛ, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”
[50] Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.
[51] Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu Kronkron mu Kronkron no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeeɛ,
[52] Adamena so buebueeɛ maa ateneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ.
[53] Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
[54] Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, maa wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
[55] Saa berɛ no na mmaa bebree a Yesu ho dɔ nti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so.
[56] Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo, Yohane ne Yosef maame. Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso maame ka wɔn ho.
[57] Ɛduruu anwummerɛ no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no,
[58] kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no.
[59] Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,
[60] na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya hɔ akɔ.
[61] Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
[62] Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn,
[63] kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa berɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsan aba nkwa mu bio.’
[64] Yei nti, ma yɛn kwan na yɛnkɔtare ɛda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire yi nnaadaa bɛsene kane deɛ no.”
[65] Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.”
[66] Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no.