Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:09

[1] Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea.

[2] Nnipadɔm tu dii nʼakyi, maa ɔsaa wɔn yadeɛ.

[3] Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?”

[4] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa!

[5] Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ de ne ho akɔbata ne yere ho daa nyinaa no.’

[6] Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”

[7] Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn nti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”

[8] Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛsiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ.

[9] Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsan aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”

[10] Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”

[11] Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara.

[12] Wɔwoo ebinom sɛ wɔmmɛdi sigya; ebi nso ɛdɛm nti, wɔnware; ebinom nso ɛsiane Ɔsoro Ahennie no nti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

[13] Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no trantram wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnha no!”

[14] Nanso, Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.”

[15] Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ.

[16] Da bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Me wura pa, ɛdeɛn na menyɔ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

[17] Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wofrɛ me ɔpapa a, na ɛkyerɛ sɛ wofrɛ me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ. Wʼasɛmmisa no ho mmuaeɛ ara ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wokɔ soro deɛ a, di mmaransɛm no so.”

[18] Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?” Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ.

[19] Di wo papa ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

[20] Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ deɛn?”

[21] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ wowie pɛyɔ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro. Wowie yei a, afei bra na bɛdi mʼakyi.”

[22] Ɛsiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree nti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.

[23] Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu.

[24] Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ nantwie bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!”

[25] Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?”

[26] Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”

[27] Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyi; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyidie no mu?”

[28] Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛm

[29] Na obiara a ɔbɛgya ne fie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne papa, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso.

[30] Na wɔn a wɔdi kan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi kan.”

Mateo Asɛmpa No — Chapters