Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:42

[1] Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano.

[2] Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ.

[3] Ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Da bi okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.

[4] Ɔgu so reguo no, aba no bi guu kwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.

[5] Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛ na aba no fifiriiɛ.

[6] Ɛsiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.

[7] Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no.

[8] Nanso, aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyinii, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha.

[9] Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”

[10] Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”

[11] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintansɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.

[12] Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.

[13] Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ, wɔhu, nanso wɔnhu. Wɔte, na wɔnte aseɛ.

[14] “Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ, ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhu, nanso morenhu!

[15] Ɛfiri sɛ, ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ’ no aba mu.

[16] Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ nhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm.

[17] Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.

[18] “Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ.

[19] Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu kwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn koma mu no.

[20] Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu.

[21] Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Ɛsiane sɛ asɛm no awuo nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba.

[22] Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no, gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene nti, ɛmma asɛm no ntumi nyɔ wɔn mu adwuma.

[23] Na aba a ɛguu asase pa mu no, gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduasia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”

[24] Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aburoo wɔ nʼafuom.

[25] Da ko anadwo a wada no, ne tamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no.

[26] Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.

[27] “Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aburoo a woduaeɛ no, wira bi afifi wɔ aseɛ!’ Okuafoɔ no buaa sɛ,

[28] ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’ “Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’

[29] “Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabida!’ Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no.

[30] Momma ne nyinaa nyini nkɔsi twaberɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.”

[31] Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom.

[32] Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.”

[33] Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ brodotofoɔ a ɔde mmɔka fra asikyiresiam na ɔka fra kɔsi sɛ mmɔka no bɛfra asikyiresiam no nyinaa yie na ama no atu”.

[34] Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.

[35] Ɛsiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa nti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ, “Mɛkasa abɛbuo mu, na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.”

[36] Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aburoo ho no ase.

[37] Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aburoo no.

[38] Afuo no ne wiase, na aburoo no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.

[39] Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwaberɛ no yɛ wiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ.

[40] “Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ.

[41] Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu,

[42] na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.

[43] Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”

[44] Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, nyaa sika a ɛbɛso saa afuo no tɔ, na ne nsa aka agyapadeɛ no!

[45] “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho dwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ.

[46] Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!”

[47] Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree.

[48] Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ.

[49] Saa ara na wiase awieeɛ bɛyɔ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu,

[50] na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.

[51] Mote aseɛ?” Nʼasuafoɔ no buaa no sɛ, “Aane.”

[52] Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapaadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”

[53] Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ.

[54] Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɔ anwanwadeɛ seyie yi?

[55] Ɛnyɛ kapentani no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nuammarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?

[56] Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?”

[57] Wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne man mu anaa ne nkurɔfoɔ mu!”

[58] Ɛsiane sɛ wɔannye no annie no nti, wanyɔ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ!

Mateo Asɛmpa No — Chapters