[1] Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Naseret no, Yohane Osuboni bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so sɛ,
[2] “Monsakyera mo su; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn”
[3] Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ, “Obi nne reteam sɛ, ‘Mommɔ kwan ma Awurade; momma nʼatempɔn ntene!’ ”
[4] Saa berɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nwoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.
[5] Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi.
[6] Wɔkaa wɔn bɔne maa ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
[7] Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano?
[8] Ansa na wɔbɛbɔ mo asu no, ɛsɛ sɛ mosakyera mo su na mobu ɔbra pa.
[9] Monnsusu sɛ moyɛ Abraham asefoɔ nti, mobɛtumi adwane afiri asotweɛ a ɛbɛba mo soɔ no ho. Merema mo ate aseɛ sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama aboɔ a ɛwɔ ha yi adane Abraham asefoɔ.
[10] “Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa ntini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu gya mu, ahye no.
[11] “Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekuta. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne egya na ɛbɛbɔ mo asu.
[12] Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde egya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa.”
[13] Yesu tee Yohane Osubɔni nka no, ɔfiri Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu.
[14] Yohane hunuu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Yei nti, ɔkaa sɛ, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”
[15] Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛtwa ara na ɛtwa sɛ wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkaeɛ no nti, Yohane bɔɔ no asu.
[16] Yohane asubɔ no akyi a Yesu firi nsuo no mu baa konkɔn so pɛ, ɛsoro bue maa no. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma.
[17] Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi soro kaa sɛ, “Oyi ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”