[1] Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
[2] Saa berɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ dohoa nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
[3] Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene.
[4] Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe fa na wɔbɛwo Kristo no?”
[5] Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ adiyifoɔ no kaeɛ:
[6] “ ‘O kuro Betlehem, wo a woyɛ titire Yudaman mu, wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi ne man Israel anim afiri.’”
[7] Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
[8] “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
[9] Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ.
[10] Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso.
[11] Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.
[12] Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
[13] Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade bɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo berɛ a mobɛsan aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no aku no.”
[14] Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim,
[15] na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
[16] Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmarimaa a wɔnnii mfeɛ mmienu kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no berɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no.
[17] Herode atirimuɔdensɛm yi maa deɛ odiyifoɔ Yeremia kaeɛ sɛ,
[18] “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ; Rahel resu ne mma; ɔmpɛ awerɛkyekyerɛ bi, ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio” no baa mu.
[19] Herode wuo akyi no, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ,
[20] “Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no no awuwu.”
[21] Yosef faa abɔfra no ne ne maame san kɔɔ Israel asase so bio.
[22] Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi hene wɔ Yudea saa berɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.
[23] Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.