Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:47

[1] “Monhwɛ yie na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa, amfa ampɛ animuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfasoɔ biara mfiri mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.

[2] Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ animkyerɛsomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

[3] Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nnhu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nnhu,

[4] na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

[5] “Ɛfa mpaebɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ animkyerɛsomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

[6] Sɛ wopɛ sɛ wobɔ mpaeɛ a, kɔwura wo dan mu, na to wo pono mu, na bɔ wʼAgya a ɔwɔ kɔkoam no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no, bɛtua wo ka.

[7] “Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree, nntitititi nsɛm mu, nnsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankoɔn bɛtie mo.

[8] Mo Agya Nyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no.

[9] “Enti, saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ; ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho nte.

[10] Wʼahennie mmra. Deɛ wopɛ nyɛ asase so, sɛdeɛ ɛyɛ ɔsoro.

[11] Ma yɛn, yɛn daa aduane nnɛ,

[12] na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

[13] Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’

[14] Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo soro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo.

[15] Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo soro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.

[16] “Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ animkyerɛsomfoɔ di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

[17] Sɛ wodi mmuada a, nunu wo tirim, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmm,

[18] na mma nnipa nnhunu sɛ woredi mmuada, agye wʼAgya a ɔhunu deɛ woyɛ wɔ kɔkoam nyinaa no nko ara; na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

[19] “Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakyen asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia.

[20] Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakyen nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia.

[21] Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.

[22] Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani yɛ a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann.

[23] Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo nipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo nipadua no yɛ esum kabii.

[24] “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɔ saa a, ɔbɛtan ɔbaako, na wadɔ ɔbaako anaasɛ ɔde ne ho bɛfam ɔbaako, na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahodeɛ.

[25] “Yei nti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.

[26] Monhwɛ wiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ soro no ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa?

[27] Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?

[28] “Adɛn nti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ wiram nhwiren, wɔnnwene ntoma ho.

[29] Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru wiram nhwiren yi.

[30] Na sɛ Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena ɛnni hɔ ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo?

[31] “Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho.

[32] Na wɔn a wɔnni gyidie no na berɛ biara wɔdwene saa nnoɔma no ho. Na mo deɛ, mo Agya a ɔwɔ soro no nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo.

[33] Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho.

[34] Enti, monnnwennwene ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de deɛ ɛhia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.

Mateo Asɛmpa No — Chapters