Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:33

[1] Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ.

[2] Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no.

[3] Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma.

[4] Ɔsan somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’

[5] “Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa.

[6] Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso.

[7] “Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.

[8] Ɔsan frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase.

[9] Enti, monkɔ mmɔnten so na obiara a mobɛhu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’

[10] “Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma

[11] Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

[12] “Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.

[13] “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri sum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’

[14] Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.”

[15] Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akye no.

[16] Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim.

[17] Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”

[18] Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no maa ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?

[19] Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no.

[20] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”

[21] Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”

[22] Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn maa wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.

[23] Da no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,

[24] “Owura, Mose kaa nɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no.’

[25] Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa.

[26] Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no.

[27] Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ.

[28] Ɛno nti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!”

[29] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no!

[30] Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro no.

[31] Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ,

[32] ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Nyankopɔn.”

[33] Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.

[34] Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu.

[35] Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ,

[36] “Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”

[37] Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’

[38] Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi kan na ɛkyɛn ne nyinaa.

[39] Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara; ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’

[40] Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”

[41] Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ,

[42] “Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?” Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.”

[43] Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ,

[44] “ ‘Onyankopɔn ka kyerɛɛ me wura sɛ, Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.’

[45] Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”

[46] Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

Mateo Asɛmpa No — Chapters