Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:15

[1] Da koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.

[2] Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim wiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na wiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte.

[3] Sɛ ɛduru anɔpa na wiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnne no ase.

[4] Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnne foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

[5] Asuafoɔ no twa kɔɔ asuogya dohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane.

[6] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔka no ho.”

[7] Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkuta aduane biara no nti na Yesu kaa saa.

[8] Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane?

[9] Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri brodo num a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no?

[10] Mo werɛ asan afiri brodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no?

[11] Adɛn nti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka ho.’ ”

[12] Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.

[13] Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?”

[14] Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.”

[15] Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?”

[16] Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!”

[17] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ soro no.

[18] Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da.

[19] Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ soro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ soro!”

[20] Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.

[21] Ɛfiri saa berɛ no, Yesu fitii aseɛ kaa ɛkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔaku no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

[22] Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!”

[23] Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ hintidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”

[24] Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.

[25] Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti, ne kra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsan aka.

[26] Na sɛ onipa nya wiase yi mu nnoɔma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne kra ananmu?

[27] Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɔeɛ ho atɛn.

[28] Mo a mogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔbɛtena ase, ahu me sɛ mereba animuonyam so.”

Mateo Asɛmpa No — Chapters