Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:23

[1] Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn.

[2] Ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ,

[3] “Nhyira ne wɔn a wɔnim sɛ wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu, na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.

[4] Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

[5] Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

[6] “Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn

[7] Nhyira ne wɔn a wɔhu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛhu wɔn mmɔbɔ.

[8] Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn

[9] Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

[10] Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ nti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.

[11] “Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so.

[12] Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo kan no.

[13] “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.

[14] Mone wiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta.

[15] Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa.

[16] Saa ara na momma mo nneyɔeɛ pa nna adi mma nnipa nhu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.

[17] “Monnsusu sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mose mmara no ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ.

[18] Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, mmara no mu biribiara rensakyera da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu.

[19] Yei nti, obiara a ɔbɛbu mmara no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmara no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu.

[20] “Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɔ.

[21] “Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔku no bi.’

[22] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu gya mu.

[23] “Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a,

[24] gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.

[25] Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtɛmmufoɔ, na ɔtɛmmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase.

[26] Sɛ ɔde wo kɔ ɔtɛmmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no.

[27] “Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’

[28] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman.

[29] Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo nipadua no nyinaa atwene amanehunu gya mu.

[30] Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo nipadua nyinaa atwene amanehunu gya mu.

[31] “Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’

[32] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no san kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.

[33] “Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’

[34] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nnhyɛ bɔ. Monnnɔ soro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa.

[35] Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ahenkuro.

[36] Mfa wo ti nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum.

[37] Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.

[38] “Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’

[39] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne nntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu.

[40] Sɛ obi ne wo di asɛm gye wo ntoma a, worɔ wo mpaboa ka ho ma no.

[41] Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansim mmienu.

[42] Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

[43] “Moate sɛ wɔaka sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko, na tan wo tamfoɔ.’

[44] Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔha mo.

[45] Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, ɛfiri sɛ, ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ.

[46] Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya afiri Onyankopɔn nkyɛn? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ?

[47] Sɛ mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ?

[48] Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.

Mateo Asɛmpa No — Chapters