Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:33

[1] Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no sɛ,

[2] “Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.

[3] Yei nti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɔ biribiara a wɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɔ no. Nanso, monnnyɛ deɛ wɔyɔ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka kyerɛ mo no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɔ.

[4] Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wɔdi so.

[5] “Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a twerɛ nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntadeɛ yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ.

[6] Na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanin tenabea pa.

[7] Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ.

[8] Mommma obiara mmfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.

[9] Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ soro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.

[10] Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ ɛfiri sɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no.

[11] “Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfoɔ.

[12] Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

[13] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.

[14] “Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ wɔ berɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu.

[15] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerekyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no.

[16] “Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no.

[17] Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no?

[18] Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmon, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔremuka no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii!’

[19] Anifirafoɔ! Afɔremuka a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo?

[20] Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam,

[21] na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam.

[22] Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam.

[23] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atweresɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ du du wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nnoɔma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntontosoɔ du du no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nnoɔma a ɛsom bo no.

[24] Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene nantwie!

[25] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma tɔ.

[26] Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte!

[27] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nnoɔma funu ahyɛ mu ma tɔ.

[28] Moyɛ mo anim sɛ ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma tɔ.

[29] “Monnue! Mo Farisifoɔ ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi ada akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so,

[30] na motwa mo ho ka sɛ, ‘Sɛ na yɛte ase saa berɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no.’

[31] “Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma.

[32] Na modi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ.

[33] Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu gya mu atɛmmuo no?

[34] “Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu aku wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so.

[35] Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so.

[36] Mereka makyerɛ mo sɛ, atɛmmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.

[37] “O Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!

[38] Wɔbɛgya mo fie fituo ama mo.

[39] Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhu me bio kɔsi sɛ, mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”

Mateo Asɛmpa No — Chapters