Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:08

[1] Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

[2] Yohane Osubɔni a saa berɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Yesu reyɔ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ,

[3] “Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”

[4] Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsan nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ,

[5] Mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.

[6] Monsan nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne wɔn a wɔgye me die.”

[7] Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu fitii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no?

[8] Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?

[9] Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ.

[10] Na Yohane ne onipa a wɔkaa ne ho asɛm sɛ, ‘Mɛsoma me bɔfoɔ adi wʼanim na ɔno na ɔbɛsiesie wʼanim kwan.’

[11] “Nokorɛ nie, nnipa nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!

[12] Na ɛfiri berɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi nnɛ no, nnipa bebree a wɔasɔ asɛm no mu denden no repere akɔ, Ɔsoro Ahennie no mu.

[13] Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada.

[14] Sɛ mopɛ sɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no.

[15] Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie!

[16] “Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ,

[17] ‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nso moansa. Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’

[18] Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom nsa no, wɔse, ɔwɔ hohommɔne.

[19] Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ Odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ fa nnamfoɔ.’ Nanso deɛ ɛfiri Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokorɛ da adi.”

[20] Afei, ɔfitii aseɛ kaa nkuro a ɔyɔɔ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim sɛ,

[21] “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɔɔ no mo mu no, sɛ meyɔɔ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakra wɔn adwene dada.

[22] Atɛmmu da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon!

[23] Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwanwadeɛ a meyɔɔ no wo hɔ no, sɛ wɔyɔɔ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi nnɛ.

[24] Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, atɛmmu da no, Tiro ne Sidon bɛnya gyinabea pa asene mo!”

[25] Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa.

[26] Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

[27] “Mʼagya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa. Agya no nim Ɔba no nko ara. Ɔba no nso nim Agya no. Wɔn a Ɔba no aka Agya no ho asɛm akyerɛ wɔn no nso nim Agya no.

[28] Mo a moayɔ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.

[29] Montie me nkyerɛkyerɛ na monsua deɛ mekyerɛ mo no nso, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase. Na mobɛnya home ama mo kra.

[30] Ɛfiri sɛ, nkyerɛkyerɛ a mɛkyerɛkyerɛ mo no sua yɛ mmerɛ, na dwuma a mɛma mo adi no nso nyɛ den”.

Mateo Asɛmpa No — Chapters