[1] Da bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
[2] “Adɛn nti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”
[3] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?
[4] Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo na ni;’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔku no,’
[5] Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa ne papa sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
[6] Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so.
[7] Mo animkyerɛsomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,
[8] ‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me.
[9] Wɔsom me ani so kɛkɛ, ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ ”
[10] Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ.
[11] Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”
[12] Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”
[13] Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ me papa na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene.
[14] Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.”
[15] Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”
[16] Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ?
[17] Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio?
[18] Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi.
[19] Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi.
[20] Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ te no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
[21] Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon
[22] Kanani baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Hohommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
[23] Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
[24] Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ Amanamanmufoɔ.”
[25] Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”
[26] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye brodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”
[27] Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no pono so gu fam no.”
[28] Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Maame, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
[29] Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so.
[30] Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛne wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, maa ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
[31] Anwanwasɛm bɛn ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn maa wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.
[32] Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ kwan so.”
[33] Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”
[34] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Brodo dodoɔ bɛn na mowɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ brodo nson ne atidie kakraa bi.”
[35] Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so.
[36] Afei ɔfaa brodo nson no ne atidie no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni.
[37] Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn.
[38] Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson.
[39] Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu twa kɔɔ Magadan.