Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:11

[1] “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa du bi a wɔfaa wɔn akanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.

[2] Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ.

[3] Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn akanea nanso wɔamfa krasin anka ho.

[4] Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa krasin kaa wɔn akanea ho de kɔeɛ.

[5] “Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔfitii aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.

[6] Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’

[7] “Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no.

[8] Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo krasin no bi ngu yɛn akanea no mu na ɛredum.’

[9] “Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’

[10] “Wɔrekɔtɔ krasin no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.

[11] “Akyire yi a baanum no san baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’

[12] “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’

[13] “Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsan aba.

[14] “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɔ adwuma.

[15] “Ɔmaa ɔbaako sidi mpemnum. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no sidi mpenu ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no sidi apem.

[16] Ɔpaani a ɔmaa no sidi mpemnum no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ sidi mpemnum kaa ho.

[17] Deɛ ɔnyaa sidi mpenu no nso, de sika no kɔyɔɔ adwuma nyaa mfasoɔ sidi mpenu kaa ne sika no ho.

[18] “Nanso, ɔpaani a ne wura maa no sidi apem no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ.

[19] “Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuom baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no.

[20] Deɛ ɔmaa no sidi mpemnum no brɛɛ no sidi ɔpedu.

[21] “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

[22] “Ɔpaani a ɔmaa no sidi mpenu no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me sidi mpenu. Mede yɔɔ adwuma, na manya sidi mpenu aka ho’.

[23] “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

[24] “Ɔpaani a ɔnyaa sidi apem no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a woyɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ;

[25] enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ ni!’

[26] “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ; ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a,

[27] anka ɛsɛ sɛ wode sika no yɔ adwuma, nya ho mfasoɔ to hɔ ma me

[28] Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa sidi ɔpedu no.

[29] Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɔ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɔ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.

[30] Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’

[31] “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa berɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so.

[32] Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;

[33] na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.

[34] “Ɛno na Ɔhene no, bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!

[35] Ɔkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie.

[36] Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’

[37] “Saa berɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?

[38] Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma?

[39] Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’

[40] “Na me, Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɔ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɔ ama me!’

[41] “Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu.

[42] Na ɔkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom.

[43] Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’

[44] “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ amma wo?’

[45] “Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɔ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɔ amma me.’

[46] “Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.”

Mateo Asɛmpa No — Chapters