Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:32

[1] Ɛbɛyɛ saa berɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu.

[2] Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfinimfini.

[3] Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu.”

[4] Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.

[5] Na mo mu biara a, me nti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn.

[6] Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi hintidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu.

[7] “Wiase nnue wɔ ne hintiduatoɔ ho! Hintiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue.

[8] Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ soro sene sɛ wɔde wo nipa mu bɛto ogyatannaa mu.

[9] Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ soro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto ogyatannaa mu.

[10] “Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa.

[11] Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.

[12] “Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɔ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no?

[13] Na sɛ ɛba sɛ ɔhu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ fie no.

[14] Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ soro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

[15] “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɔɔ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.

[16] Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na wɔadi deɛ ɛbɛsi hɔ no nyinaa ho adanseɛ.

[17] Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.

[18] Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ soro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ soro.

[19] “Meresan aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ soro no a, ɔbɛyɔ ama wɔn.

[20] Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.”

[21] Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mprɛ ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mprɛ nson anaa?”

[22] Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mprɛ aduɔson ahodoɔ nson!

[23] “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta.

[24] Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sidi ɔpepem du brɛɛ no.

[25] Ɛsiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.

[26] “Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa’.

[27] “Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, maa ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

[28] “Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ɔpaani foforɔ bi a ɔde no ka sidi mpenu. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara.

[29] “Ɔkafoɔ no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.

[30] “Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde ɔkafoɔ yi kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.

[31] “Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

[32] Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;

[33] ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehuu wo mmɔbɔ no anaa?’

[34] “Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.

[35] Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”

Mateo Asɛmpa No — Chapters