Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:13

[1] Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi.

[2] Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne nipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera.

[3] Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.

[4] Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

[5] Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Oyi ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no,”

[6] Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam.

[7] Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!”

[8] Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara.

[9] Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ ɔbɛnyane afiri awufoɔ mu.

[10] Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn nti na daa Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”

[11] Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nnoɔma yie

[12] Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”

[13] Afei, na asuafoɔ no hunuu sɛ, Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no.

[14] Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ,

[15] “Owura, hu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Sɛ otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe egya anaa nsuo mu

[16] Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi.”

[17] Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.”

[18] Yesu teateaa hohommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no maa ɛtu firii ne mu maa amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.

[19] Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn nti na yɛantumi antu hohommɔne no?”

[20] Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Ɔtoaa so sɛ, Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina aba a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ dohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri.

[21] Na saa hohommɔne a ɛte seyie deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuada die so.”

[22] Da bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a

[23] wɔwɔ tumi no nsa, na wɔaku no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn koma nso tuiɛ.

[24] Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu togyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Enti, wo wura tua toɔ?”

[25] Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.” Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn manfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?”

[26] Petro buaa sɛ, “Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no.” Yesu nso buaa sɛ, “Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara.

[27] Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no nti, kɔ asuo no mu kɔto daawa. Otidie a wobɛyi no adi kan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo toɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.”

Mateo Asɛmpa No — Chapters