[1] “Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn.
[2] Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
[3] Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?
[4] Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.
[5] Nyaatwom ni! Di kan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.
[6] “Mommfa deɛ ɛho te mma akraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.
[7] “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhu; mompem, na wɔbɛbue mo.
[8] Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
[9] Na hwan na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɛboɔ?
[10] Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
[11] Na sɛ mo a, mo koma yɛ den a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ soro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
[12] “Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɔ mma mo no, mo nso monyɔ mma wɔn saa ara.
[13] “Ɛkwan teawa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ soro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.
[14] Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teaa, na nnipa kakraa bi na wɔhunu fa so.
[15] “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.
[16] Wɔn nneyɔeɛ na mode bɛhu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi mfa kokora nyɛ bayerɛ; saa ara nso na worentumi mfa kwaeɛborɔferɛ nyɛ borɔferɛ.
[17] Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne.
[18] Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa.
[19] Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu gya mu hye no.
[20] Onipa nneyɔeɛ na ɛma yɛhunu ne suban. Saa ara nso na dua bi aba a ɛso no na ɛma yɛde hunu sɛ ɛyɛ dua pa anaa dua bɔne.
[21] “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.
[22] Atɛmmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahohommɔne, san yɔɔ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.
[23] Na mabua wɔn sɛ, ‘Menhunuu mo da, na mennim mo nso. Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri ha nkɔ!’
[24] Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
[25] Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so.
[26] “Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni so no yɛ nkwaseafoɔ. Wɔte sɛ obi a ɔsii ne dan sii anwea so.
[27] Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa”
[28] Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,
[29] ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkuta tumi na ne nkyerɛkyerɛ no ntesɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.