[1] Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so num no hyɛnee ne torobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa.
[2] Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm.
[3] Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwerɛ.
[4] Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnsɛe serɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔtumi ha wɔn.
[5] Wɔamma saa mmoadabi no kwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnha wɔn abosome num. Wɔka wɔn a, wɔn ano ya no te sɛ akakantwerɛ ano ya.
[6] Saa abosome num no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.
[7] Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.
[8] Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se.
[9] Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko.
[10] Wɔwɔ borɔ dua te sɛ akakantwerɛ. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome num no.
[11] Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de Abadon ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde Apolion, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.”
[12] Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.
[13] Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne torobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔremuka a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa.
[14] Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkuta torobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn Asubɔnten Eufrate ho no.”
[15] Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
[16] Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amanneɛ maa meteeɛ.
[17] Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ egya, tumm sɛ afasebire ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfere. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a egya wisie ne sɔfere firi wɔn anom.
[18] Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ egya, wisie ne sɔfere no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kum adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
[19] Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
[20] Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no anku wɔn no antwe wɔn ho amfiri wɔn nnwuma ho. Wɔannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som.
[21] Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.