Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:38

[1] Berɛ a Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwere fa.

[2] Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmaa wɔn ntorobɛnto nson.

[3] Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ.

[4] Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro.

[5] Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de egya a ɛfiri afɔremuka no so hyɛɛ no ma to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ.

[6] Na abɔfoɔ baason a wɔkutakuta ntorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

[7] Ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no hyɛnee ne torobɛnto. Na asukɔtwea ne egya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna serɛ nyinaa nso hyeeɛ.

[8] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee torobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛredɛre too po mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya.

[9] Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.

[10] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne torobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu.

[11] Nsoromma no din de Ɔnwono. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.

[12] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne torobɛnto. Na wɔkaa owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn na anadwo nso saa ara.

[13] Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane torobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no nti.”

Yohane Adiyisɛm — Chapters