Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:43

[1] Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no.

[2] Nanso, mfa asɔredan no mfikyire nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama abosonsomfoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.

[3] Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayiase tam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”

[4] Saa adansefoɔ baanu no ne ngodua mmienu no ne akaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.

[5] Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno nti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no wɔbɛkum no.

[6] Wɔwɔ tumi sɛ berɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mprɛ dodoɔ biara a wɔpɛ.

[7] Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn

[8] na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔnten so wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no.

[9] Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa hodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wɔnsie wɔn.

[10] Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu, Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.

[11] Nnansa akyi no, honhom a ɛfiri Onyankopɔn bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu.

[12] Afei, nne a ano yɛ den firi soro bɛka sɛ, “Mommra soro ha.” Na wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ soro.

[13] Saa berɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden, kuro no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ soro no kɛseyɛ.

[14] Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.

[15] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne torobɛnto, na nne denden wɔ soro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di wiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne Mesia no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”

[16] Afei, mpanimfoɔ aduonu nan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, som Onyankopɔn sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada.

[17] Yɛda wo ase sɛ wonam wo tumi kɛseɛ so afiti aseɛ redi hene!

[18] Abosonsomfoɔ bo fuiɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wo bo fu no aduru a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn. Berɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifoɔ ne wo nkurɔfoɔ nyinaa a wɔsuro wo, akɛseɛ ne nketewa no aba so no aduru. Berɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

[19] Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ soro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtwea bebree nso tɔeɛ.

Yohane Adiyisɛm — Chapters