Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:07

[1] Afei, nsɛnkyerɛnne kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no.

[2] Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea nti, na ɔresu.

[3] Nsɛnkyerɛnne kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so.

[4] Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ soro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe.

[5] Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho.

[6] Ɔbaa no dwane kɔɔ serɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

[7] Afei, ɔkɔsii soro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ.

[8] Nanso, wɔdii ɔwɔ no so na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena soro bio.

[9] Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtoo no guu fam a nʼabɔfoɔ nyinaa ka ne ho.

[10] Afei, metee nne denden bi wɔ soro a ɛka sɛ, “Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba! Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei, na Mesia akyerɛ ne tumi, ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, na wɔapam no afiri soro no.

[11] Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so ne nokorɛ a ɔdaa no adi so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu.

[12] Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei, asase ne ɛpo nnue! Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo na ne bo afu ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ, ne berɛ a aka sua.”

[13] Berɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no agu asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no.

[14] Wɔmaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a ɔwɔ wɔ serɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio.

[15] Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɛbɛfa no.

[16] Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa.

[17] Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka no a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di no.

[18] Na ɔkɔgyinaa mpoano hɔ.

Yohane Adiyisɛm — Chapters