[1] Meduruu ha no, menyaa anisoadehunu foforɔ a mehunuu ɔsoro pono sɛ abue. Na ɛnne bi teaam sɛ torobɛnto a mate sɛ ebi akasa akyerɛ me pɛn no na ɛkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.”
[2] Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si soro hɔ a obi te so.
[3] Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabamonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.
[4] Na ahennwa nketewa aduonu anan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.
[5] Na anyinam ne aprannaa bobɔm firi ahennwa no mu. Na akanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson.
[6] Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurogyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia.
[7] Na ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu.
[8] Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ, “Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”
[9] Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam de ma no nidie da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a,
[10] mpanimfoɔ aduonu nan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ,
[11] “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn: wofata sɛ wonya animuonyam, nidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”