[1] Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ tumfoɔ bi a ɔfiri soro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ egya fadum.
[2] Na nwoma ketewaa bi kuta no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so.
[3] Ɔteaam maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛeɛ no, aprannaa nson no woroo so, gyee so.
[4] Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii soro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”
[5] Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
[6] na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asase ne po ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Berɛsɛeɛ biara nni hɔ.
[7] Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne torobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahuntasɛm mu nhyehyɛɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”
[8] Afei, nne a metee sɛ ɛfiri soro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkuta ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”
[9] Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.”
[10] Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛkekaeɛ wɔ me yam.
[11] Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.”