[1] Yei akyi metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ soro sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn
[2] ɛfiri sɛ, nʼatɛmmuo yɛ nokorɛ na ɛtene sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkum nʼasomfoɔ.”
[3] Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie a ɛfiri ne nkyɛn no kɔ soro daa daa.”
[4] Mpanimfoɔ aduonu nan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim som no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!”
[5] Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Nyankopɔn mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”
[6] Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene.
[7] Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam ɛfiri sɛ, Odwammaa no ayefohyia aduru a nʼayefokunu asiesie ne ho.
[8] Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera no kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ tenenee adeyɛ.
[9] Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayefohyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
[10] Mebutuu ne nan ase som no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛɛ adiyifoɔ no nkuran.”
[11] Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn ko ne ko.
[12] Nʼaniwa te sɛ, egya a ɛredɛre a na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim deɛ ɛyɛ ka ne ho.
[13] Na wɔde nʼatadeɛ a ɛhyɛ no no anu mogya mu. Edin a wɔde frɛ no ne “Onyankopɔn Asɛm”
[14] Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi.
[15] Nkrantɛ a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛtete wɔn. Ɔbɛtiatia Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ no abufuo a ɛyɛ den no nsakyiamena no so.
[16] Na wɔatwerɛ edin “AHENE MU HENE NE AWURADE MU AWURADE” agu nʼatadeɛ mu ne ne nan ho.
[17] Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam wiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase.
[18] Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”
[19] Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm.
[20] Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwade wɔ nʼanim no de wɔn too afiase. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyinaeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu egya ɔtadeɛ a sɔfere na na ɛredɛre wɔ mu no mu.
[21] Wɔde nkrantɛ a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkum wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.