[1] Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne tiri nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so a, nsɛmmɔne din bobɔ etire no ho.
[2] Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ne tumi ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no.
[3] Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi.
[4] Nnipa nyinaa som ɔwɔ no ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kaa sɛ. “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?”
[5] Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa nsɛmmɔne akɛseakɛse, na wɔmaa no kwan maa ɔnyaa tumi abosome aduanan mmienu.
[6] Ɔfiitii aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte soro nyinaa.
[7] Wɔmaa no kwan maa ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ ne aman nyinaa so tumi.
[8] Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no a, aseɛ kyerɛ sɛ, obiara a wantwerɛ ne din ansa na wɔrebɔ wiase anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkum no no mu no.
[9] “Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie.
[10] Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkye no no, wɔbɛkye no. Obiara a ɛsɛ sɛ woku no nkrantɛ ano no, wobɛku no. Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ.”
[11] Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ odwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ
[12] Ɔsi nʼananmu di tumi te sɛ aboa a ɔdi kan no pɛ na ɔma asase ne ɛso nnipa som aboa a ɔdi kan no a nʼapirakuro no awu no.
[13] Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa egya firi soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim.
[14] Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho kwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde nkrantɛ piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam.
[15] Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no kwan maa ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi kan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
[16] Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyinaeɛ.
[17] Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a ɛgyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyinaeɛ.
[18] Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnne a ɛgyina hɔ ma aboa no ase ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia nsia.