[1] Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a, wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.
[2] Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkuta Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.
[3] Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyinaeɛ.”
[4] Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyinaeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan nan a, wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
[5] Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
[6] Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
[7] Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
[8] Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
[9] Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa kutakuta berɛ.
[10] Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagye firi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.”
[11] Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, som Onyankopɔn
[12] kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne nidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa! Amen!”
[13] Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”
[14] Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.
[15] Na ɛno nti na wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban.
[16] Sukɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio,
[17] ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfinimfini no bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ de wɔn akɔ nkwa asutire ho. Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”