Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:46

[1] Saa nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo ma ɔdaa no adi kyerɛɛ deɛ ɛrebɛba kyerɛɛ Onyankopɔn asomfoɔ no ho. Kristo somaa nʼabɔfoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ ne somfoɔ.

[2] Na Yohane aka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no.

[3] Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Berɛ no abɛn sɛ yeinom nyinaa ba.

[4] Yohane nkyea a ɔkyea asafo hodoɔ nson a ɛwɔ Asia no ni. Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ nʼahennwa anim,

[5] ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene no difoɔ no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu.

[6] Wayɛ yɛn asɔfodɔm a yɛsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Wɔmfa animuonyam ne tumi mma Kristo daa daa! Amen.

[7] Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen.

[8] Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”

[9] Mene mo nua Yohane, na me ne Yesu bom ne no hunu amane wɔ nʼahennie ne ne boasetɔ mu. Ɛsiane sɛ meka Onyankopɔn asɛm da nokorɛ a Yesu daa no adi nti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ supɔ Patmo so.

[10] Awurade da no, Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi.

[11] Ɛkaa sɛ, “Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”

[12] Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson.

[13] Ɛmu na na onipa bi a ɔte sɛ ɔbarima a ɔhyɛ batakari yuu a ɛsi ne nam ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko gyina.

[14] Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ egya.

[15] Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den.

[16] Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.

[17] Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ.

[18] Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso mete ase daapem nyinaa. Mewɔ tumi wɔ owuo ne asaman so.

[19] Enti afei twerɛ nnoɔma a wohunu; deɛ wohu no seesei ne deɛ ebɛba akyire yi no, twerɛ.

[20] Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahuntasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna akaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”

Yohane Adiyisɛm — Chapters