Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:36

[1] Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkuta nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso.

[2] Wiase ahene ne no bɔɔ adwaman na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsa no mu.”

[3] Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ serɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ nsɛmmɔne din agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn du.

[4] Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkuta sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nnoɔma ayɛ no ma tɔ.

[5] Na wɔatwerɛ din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahuntasɛm mu sɛ, “Babilonia kɛseɛ asase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ maame.”

[6] Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkum wɔn no mogya abo no. Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa.

[7] Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahuntasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du a ɔte ne so no ho.

[8] Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Berɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba.

[9] “Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso

[10] a wɔn mu baanum agu, na wɔn mu baako da so di hene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kakra.

[11] Aboa no a anka na ɔte ase no na afei deɛ ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu.

[12] “Mmɛn du a wohunuiɛ no yɛ ahene du a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwere no.

[13] Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no.

[14] Wɔbɛko atia Odwammaa no na nʼakyidifoɔ, gyidifoɔ a wɔafrɛ wɔn no ne no bɛdi wɔn so ɛfiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahene mu Hene.”

[15] Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ.

[16] Mmɛn du ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde egya ahye no.

[17] Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma.

[18] Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene no.”

Yohane Adiyisɛm — Chapters