[1] “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkuta nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a, ɔnante wɔ sika akaneadua nson no ntam no.
[2] Menim deɛ woayɔ. Menim nsi a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn ho asomafoɔ nanso wɔnyɛ bi no ahwɛ na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ.
[3] Wowɔ boasetɔ na me nti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.
[4] “Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no.
[5] Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ.
[6] “Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɔ no, na saa ara na me nso mekyiri.
[7] “Sɛ wowɔ aso a, tie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua no a ɛwɔ Onyankopɔn turo no mu no aba no.
[8] “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ: ‘Saa asɛm yi firi obi a ɔdi kan ne deɛ ɔtwa toɔ nkyɛn. Ɔno na ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no.’
[9] “Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ soro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ.
[10] Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.
[11] “Sɛ wowɔ aso a, tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu.
[12] “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi obi a ɔwɔ nkrantɛ anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
[13] Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na berɛ a wɔkum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
[14] “Nanso, nnoɔma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.
[15] Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi.
[16] “Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
[17] “Sɛ mowɔ aso a, montie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo hodoɔ no. “Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahunta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
[18] “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ egyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.
[19] “Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɔ adwuma sene kane no.
[20] “Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane.
[21] Mama no berɛ sɛ ɔnsakra mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra firi nʼadwamammɔ mu.
[22] Ɛno nti, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie. Sɛ wɔansesa amfiri amumuyɔ a wɔne no yɔe no mu a, mɛyɛ saa seesei ara.
[23] Afei, mɛkum mʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɔeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.
[24] “Nanso, mo a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa biara nto mo so.
[25] Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba.
[26] “Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɔ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii
[27] mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo.
[28] Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.
[29] “Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo no.