Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:18

[1] Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan nan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.

[2] Na metee nne bi firi soro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so.

[3] Na nnipa ɔpeha aduanan nan no ani kyerɛ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no. Wɔtoo dwom foforɔ bi a agye wɔn a wɔagye wɔn a wɔafiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ.

[4] Wɔyɛ mmarima bi a ɛsiane sɛ wɔne mmaa nna no nti, wɔn ho ate. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no.

[5] Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.

[6] Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam soro soro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho.

[7] Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, berɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ soro, asase, ɛpo ne nsutire no!”

[8] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi kan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɔde ne nsa a ɛmaa nnipa nyinaa bɔɔ adwaman no maa wɔnomeeɛ.”

[9] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi kan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyinaeɛ

[10] no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuo nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ egya ne sɔfere mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim.

[11] Na egya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔɔ soro daa daa. Awia ne anadwo nyinaa, ɔgyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyinaeɛ no.”

[12] Yei nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.

[13] Afei, metee nne bi firi soro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi. Honhom no se, Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”

[14] Mehunuu omununkum fitaa bi a na abɔdeɛ bi a na ɔte so no te sɛ onipa a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkuta kantankrankyi nnamnnam bi.

[15] Afei, abɔdeɛ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ, otwaberɛ no adu, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!”

[16] Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ.

[17] Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri soro asɔredan mu apue a ɔno nso kuta kantankrankyi nnamnnam bi.

[18] Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ egya no firi afɔremuka no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkuta kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esiaesia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.”

[19] Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu.

[20] Na wɔtiatiaa nsakyiamena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho teneeɛ akwansin apem ahansia.

Yohane Adiyisɛm — Chapters