[1] “Twerɛ krataa kɔma asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri obi a ɔwɔ Onyankopɔn ahohom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɔ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase nanso woawu.
[2] Enti, nyane na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.
[3] Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhu berɛ ko a mɛba.
[4] “Nanso, mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa.
[5] Wɔn a wɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ wɔn ntadeɛ fitaa, na merentwa wɔn din mfiri ateasefoɔ din mu wɔ nwoma no mu. MʼAgya no ne abɔfoɔ no anim na mɛda no adi sɛ wɔyɛ me dea.
[6] “Sɛ wowɔ aso a, tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
[7] “Twerɛ krataa kɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri obi a ɔyɛ kronkron yɛ nokorɛ a okuta safoa a na ɛyɛ Dawid deɛ a sɛ ɔbue a, obi ntumi nto mu na ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no nkyɛn.
[8] “Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.
[9] “Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo.
[10] “Ɛsiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu.
[11] Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no.
[12] “Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri soro me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho.
[13] “Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
[14] “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no abɔseɛ nkyɛn.
[15] “Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako.
[16] Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu nti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom.
[17] “Woka sɛ, meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa. Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira.
[18] Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguase adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ.
[19] Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho.
[20] “Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue pono no a, mɛba ne fie na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
[21] Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho sɛdeɛ madi nkonim nti mete mʼAgya ahennwa ho seesei no.
[22] “Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.”