Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:39

[1] Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kuta nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano.

[2] Mehunuu ɔbɔfoɔ tumfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?”

[3] Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ soro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu.

[4] Mesuu yie ɛfiri sɛ, wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no ano na ɔhwɛ mu.

[5] Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi abue nsɔano nson no na wabue nwoma no ano.”

[6] Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfinimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba wiase no.

[7] Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennnwa so no nsa nifa mu.

[8] Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kuta sankuo ne sika ayowaa a aduhwam a Onyankopɔn nkurɔfoɔ de bɔ mpaeɛ wɔ mu.

[9] Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wobue ne nsɔano no. Ɛfiri sɛ, wɔkum wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii abusua biara, kasa biara, ɔman biara ne nkurɔfoɔ biara mu maa Onyankopɔn.

[10] Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔn na wɔbɛdi asase so hene.”

[11] Bio mehwɛɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia

[12] reto dwom denden sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a wɔkum no no nya tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne nidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”

[13] Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ soro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ po mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ wiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne nidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no daa daa!”

[14] Abɔdeɛ nan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.

Yohane Adiyisɛm — Chapters