Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:51

[1] Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Kɔ na kɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no gu asase so.”

[2] Ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyinaeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.

[3] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wuiɛ.

[4] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsutire mu maa ne nyinaa danee mogya.

[5] Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no ka sɛ, “O, Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada, wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee.

[6] Wɔhwiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne adiyifo mogya guiɛ, enti woama wɔn mogya sɛ wɔnnom. Deɛ ɛfata wɔn na wɔrenya no.”

[7] Afei, metee nne bi wɔ afɔremuka no so sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn! Atɛn a wobu nyinaa yɛ atɛntenenee!”

[8] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa ne hyeɛ yaya no nhye nnipa

[9] wɔhyeɛ yaaya no hyee nnipa maa wɔdomee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso, wɔannu wɔn ho ankamfo ne kɛseyɛ.

[10] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so num no hwiee ne kuruwa no mu abufuo de guu aboa no ahennwa no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na ɛsiane yea nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma;

[11] na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho.

[12] Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu Asubɔnten Eufrate mu. Asuo no weweeɛ danee kwan maa ahene a wɔfiri apueeɛ.

[13] Afei, mehunuu ahohommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔwɔ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom.

[14] Wɔyɛ ahohommɔne a wɔyɛ anwanwadeɛ. Saa ahohom mmiɛnsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Nyankopɔn ɔko da kɛseɛ no.

[15] “Montie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ so sɛdeɛ ɔrennante adagya, ngu ne ho anim ase wɔ badwam!”

[16] Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Harmagedon.

[17] Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu mframa mu. Nne denden bi firi ahennwa a ɛwɔ asɔredan no mu no kaa sɛ, “Wɔawie.”

[18] Na anyinam tete maa aprannaa paapaeɛ, ɛnna asasewosoɔ denden bi baeɛ. Ɛfirii sɛ wɔbɔɔ onipa, asasewosoɔ biara mmaa saa da. Yei ne asasewosoɔ nyinaa mu deɛ ano yɛ den pa ara.

[19] Kuro kɛseɛ no mu paee mmiɛnsa, na aman nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛeɛ. Onyankopɔn kaee Babilonia kɛseɛ no maa ɔnom nsa, nsa a ɛyɛ nʼabufuo a ano yɛ den no firi ne kuruwa ano.

[20] Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ.

[21] Amparuwboɔ a ebiara mu duro yɛ nkariboɔ ɔha no tɔ firii soro guu nnipa so. Na ɛsiane amparuwboɔ no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.

Yohane Adiyisɛm — Chapters