Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:13

[1] Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ. Ɔsoro foforɔ no ne asase foforɔ no yeraeɛ, ɛnna ɛpo no nso yeraeɛ.

[2] Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ soro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayefoyere a ɔrekɔhyia ne kunu.

[3] Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn.

[4] Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nnoɔma no atwam.”

[5] Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”

[6] Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfitiaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa.

[7] Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.

[8] Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutufoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfere dɛre wɔ mu no mu a, ɛyɛ owuprenu no mu.”

[9] Abɔfoɔ baason a wɔkutakuta nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayefoyere a ɔyɛ Odwammaa no yere no.”

[10] Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri soro, Onyankopɔn hɔ reba fam,

[11] a ɛrehyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu. Na kuro no hyerɛn sɛ aboɔdenboɔ, sɛ ahwehwɛboɔ a ɛmu sɛ ahwehwɛ.

[12] Na ne fasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso a ɛwɔ apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ apono no so. Apono no so na wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu nnipa din.

[13] Ɛfa biara na apono mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.

[14] Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.

[15] Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no wɔ sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo.

[16] Na kuro no ayi ahinanan pɛpɛɛpɛ a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ akwansin apem ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.

[17] Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne sorokɔ yɛ anammɔn ahanu ne dunsia, sɛdeɛ na saa berɛ no nsusuiɛ a ɔbɔfoɔ no nam so kaeɛ no te no.

[18] Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛyɛ hyɛnn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ.

[19] Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi kan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ hoaboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ.

[20] Fapem a ɛtɔ so nan yɛ ahabammonoboɔ. Fapem a ɛtɔ so num yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopɔbibireboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ.

[21] Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɔeɛ. Na kuro no abɔnten kɛseɛ yɛ sika amapa, kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.

[22] Na wɔnhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, na wɔsom Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ ne Odwammaa no baabiara.

[23] Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ.

[24] Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman sodifoɔ bɛba abɛhyɛ no animuonyam.

[25] Wɔntoto kuro no apono mu. Da biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ.

[26] Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu.

[27] Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.

Yohane Adiyisɛm — Chapters