Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 1:56

[1] Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ soro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkuta ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ.

[2] Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde egya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde nsɛnkyerɛnne na ɛbɔ ne din no so nkonim no. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ po no ho a wɔkutakuta asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no.

[3] Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa Amansanhene Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

[4] Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo teneneedwuma no.”

[5] Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ soro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a Onyankopɔn ntomadan si mu.

[6] Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.

[7] Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a, Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma.

[8] Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.

Yohane Adiyisɛm — Chapters