Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:35

[1] Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.

[2] Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɔ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.

[3] Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɔfoɔ wɔ Kristo Yesu mu

[4] a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, Amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.

[5] Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.

[6] Afei, mekyea Maria a ɔyɔɔ adwuma denden maa me no nso.

[7] Mekyea Androniko ne Yunia, me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu na wɔdii me kan Kristo mu no.

[8] Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.

[9] Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.

[10] Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.

[11] Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.

[12] Mekyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

[13] Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.

[14] Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.

[15] Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

[16] Mekyea wɔn nyinaa papaapa. Kristo asafo no nyinaa kyea mo.

[17] Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho.

[18] Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee.

[19] Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nnoɔma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.

[20] Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛtɛ Satan wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

[21] Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.

[22] Me Tertio a metwerɛɛ saa krataa yi nso, mede Awurade din mekyea mo.

[23] Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo.

[24] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

[25] Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no mu kyerɛɛ mo no. Me kasa mu no, medaa nokorɛ ahuntasɛm a ahunta afiri teteete no adi kyerɛɛ mo.

[26] Seesei deɛ waka. Onyankopɔn teasefoɔ hyɛɛ nʼadiyifoɔ maa wɔtwerɛɛ Asɛmpa no, sɛdeɛ ɛbɛma aman nyinaa bɛyɛ ɔsetie na wɔanya ne mu gyidie.

[27] Afei, Yesu Kristo nti, momma yɛnkamfo Onyankopɔn a ɔyɛ nyansakorɔ no daa daa! Amen.

Romafoɔ — Chapters