Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:02

[1] Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so ayɛ bɔne, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Onyankopɔn adom bɛdɔɔso anaa?

[2] Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?

[3] Ɛyɛ nokorɛ sɛ monim yei. Berɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu.

[4] Wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ ma wɔsiee yɛ ne Kristo. Wɔbɔɔ yɛn asu, sɛdeɛ yɛbɛnya asetena foforɔ a wɔnam Onyankopɔn animuonyam so nyanee Kristo no, ɔnyaeɛ.

[5] Na sɛ yɛne no ayɛ wɔ ne wuo mu sɛdeɛ ɔyɔeɛ no a, wɔbɛfa saa kwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako.

[6] Na yɛnim yei sɛ wɔakum Kristo ne yɛn nipa dada no wɔ asɛnnua no so, de asɛe bɔne tumi no, ama bɔne nkoa a yɛyɛ no to atwa.

[7] Ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, bɔne nni ne so tumi bio.

[8] Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛbaakotena.

[9] Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio.

[10] Owuo a ɔwuiɛ no yɛ owuprɛko a ɔwu maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.

[11] Ɛno ntiɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne saa kwan korɔ no ara so, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

[12] Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne.

[13] Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mogyaa mo ho baabiara ma bɔne ma wɔgyina so de yɛ amumɔyɔdeɛ. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu, na momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɔ nnwuma pa.

[14] Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so. Monhyɛ Mmara ase, na mmom, mohyɛ Onyankopɔn adom ase.

[15] Ɛdeɛn bio? Ɛsiane sɛ yɛnhyɛ Mmara ase na yɛhyɛ Onyankopɔn adom mu no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabida!

[16] Munnin sɛ mo yɛ nkoa ma obiara a motie no? Mobɛtumi ayɛ bɔne nkoa na mo awu, anaasɛ mobɛtumi ayɛ nkoa ne ɔsetie ama Onyankopɔn na mo asɔ nʼani.

[17] Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no, na moyɛ bɔne nkoa na mode mo koma nyinaa tiee nokorɛ a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛ mo no mu.

[18] Wɔgyee mo firii bɔne mu maa mobɛyɛɛ tenenee nkoa.

[19] Na afei, mo honam mmerɛ a moyɛ nti, mekasa nipasu mu kyerɛ mo. Mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumɔyɔsɛm nkoa nam so yɔɔ amumɔyɔ. Saa kwan korɔ no ara so na ɛsɛ sɛ mofa gyaa mo ho nyinaa ma sɛ tenenee nkoa, na mogyina so yɛ nnoɔma a ɛho te.

[20] Berɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na tenenee ho asodie biara nna mo so.

[21] Moyɛɛ nnoɔma a afei deɛ mo ani wu ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛtwaa so ne owuo.

[22] Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a ɛwɔ mu ne sɛ, mode mo abrabɔ nyinaa ato ne so. Na deɛ edi akyire ne nkwa a ɛnni awieeɛ.

[23] Bɔne so akatua yɛ owuo, nanso akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma yɛn wɔ Kristo mu ne nkwa a ɛnni awieɛ.

Romafoɔ — Chapters