Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:56

[1] Anuanom, deɛ me koma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ.

[2] Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu.

[3] Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.

[4] Kristo abɛsi mmara no ananmu na obiara a ɔgye no di no dane ɔteneneeni.

[5] Mose kaa sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani. Deɛ ɔde daa yei adi ne asɛm a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.”

[6] Nanso wɔn a wɔn gyidie sɔ Onyankopɔn ani no remmisa sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro akɔfa Kristo aba?”

[7] Ɛna wɔmmisa sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”?

[8] Deɛ Atwerɛsɛm no ka ni, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no.

[9] Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

[10] Na yɛfiri koma mu gye di na wɔabu yɛn bem wɔ Onyankopɔn anim, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye.

[11] Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔgye no di no anim rengu ase.”

[12] Saa asɛm yi fa obiara ho, ɛfiri sɛ, nsonoeɛ biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Onyankopɔn yɛ Awurade korɔ ma nnipa nyinaa na ɔhyira wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

[13] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa” no.

[14] Sɛ nnipa ntee Awurade ho asɛm da a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔagye no adi, abisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gyesɛ obi ka kyerɛ wɔn.

[15] Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Sɛ obi bɛhunu deɛ ɔde Asɛmpa no reba no nan ase mpo yɛ anigyesɛm.”

[16] Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?”

[17] Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛnka no tie mu, na asɛnka no nso nam Kristo ho dawurubɔ no so na ɛba.

[18] Nanso, mebisa sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ Israelfoɔ no ante asɛnka no? Nokorɛm, wɔtee, sɛdeɛ Atwerɛwsɛm no ka sɛ, “Wɔn nne duruu wiase mmaa nyinaa, na afei wɔn nsɛm duruu asase ano.”

[19] Mebisa bio sɛ, na Israelfoɔ nnim anaa? Mose de asɛm a Awurade aka maa mmuaeɛ sɛ, “Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman mpo no ho ninkunu. Mɛma mo bo afu ɔman a wɔnni nteaseɛ.”

[20] Na Yesaia de akokoduro ka sɛ, “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me no hunuu me. Medaa me ho adi wɔ wɔn a na wɔmmisaa mʼase no anim.”

[21] Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ, “Daa nyinaa metene me nsa ma nnipa asoɔdenfoɔ a wɔsɔre tia me.”

Romafoɔ — Chapters