Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:03

[1] Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa kwan no ara so ma mode atɛmmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi.

[2] Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no.

[3] Na wo, mʼadamfo, wo nso wobu afoforɔ atɛn atɛnwɔ nnoɔma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa?

[4] Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔa ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho.

[5] Nanso, wowɔ koma a apirim. Ɛno nti, da a Onyankopɔn bɛda nʼabufuo ne nʼatɛmmuo adi no, wo ara wobɛma asotwe a wɔde bɛtwe wo no mu ayɛ den.

[6] Deɛ obiara ayɔ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya.

[7] Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ Onyankopɔn apɛdeɛ de hwehwɛ nnidie, animuonyam ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ.

[8] Nnipa bi yɛ pɛsɛmenkomenya a wɔpo ade tenenee kɔdi ade bɔne akyi; saa nnipa no, Onyankopɔn de nʼabufuhyeɛ bɛba wɔn so.

[9] Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.

[10] Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa Amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, nidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn.

[11] Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatɛmmuo mu.

[12] Wɔn a wɔnnim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛwu a wɔnkae Mmara no nka wɔn ho asɛm, na wɔn a wɔnim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam Mmara no so bɛbu wɔn atɛn.

[13] Ɛnyɛ sɛ wotee Mmara no ara no, na wotene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛsɛ sɛ woyɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ woyɛ.

[14] Amanamanmufoɔ no nni Mmara, nanso wɔfiri wɔn pɛ mu yɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ; ɛwom sɛ wɔnni Mmara no so deɛ, nanso wɔn ahonim kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.

[15] Wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ Mmara no hwehwɛ no wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu; enti wɔn ahonim bɛkyerɛ wɔn sɛ wɔde wɔn bɔne afiri wɔn anaasɛ wɔabu wɔn fɔ.

[16] Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.

[17] Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.

[18] Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɔ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ.

[19] Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu.

[20] Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahu ne nokorɛ ahyɛ no ma no.

[21] Mokyerɛkyerɛ afoforɔ na adɛn nti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa?

[22] Moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Moka sɛ, monnsom abosom, na mommmɔ korɔno wɔ abosonnan mu anaa?

[23] Mohoahoa mo ho yie sɛ monim Onyankopɔn Mmara no, nanso monam Mmara no so bu so, bu no animtia.

[24] Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo nti, wiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.

[25] Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn Mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam.

[26] Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn Mmara so a, monnye nni sɛ ɔde deɛ ɛfata ne animuonyam a ɛfata a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma Yudafoɔ no bɛma wɔn?

[27] Sɛ ɛba saa a, momonotofoɔ no bɛkasa atia mo, agu mo Yudafoɔ a monim Onyankopɔn ho nsɛm no na wahyɛ mo bɔ, nanso monni ne Mmara so no atɛn.

[28] Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafoɔ a wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann.

[29] Yudani kann no ne onipa a ne koma mu teɛ wɔ Onyankopɔn anim. Ɛnyɛ honam mu twetiatwa ne twetiatwa trudoo, na mmom, koma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba, na ɛmfiri deɛ wɔatwerɛ mu. Saa onipa no hwehwɛ ayeyie a ɛmfiri nnipa, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn.

Romafoɔ — Chapters