Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:32

[1] Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi boa wɔn a wɔn gyidie sua no na wɔatumi agyina wɔn haw ano. Ɛsɛ sɛ yɛboa afoforɔ mmom sen sɛ yɛbɛboa yɛn ho.

[2] Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara boa ne nua wɔ ne yiedie mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɛbɛhyɛ ne gyidie den.

[3] Kristo mpo anyɛ biribiara amma nʼankasa ho. Sɛdeɛ kaeɛ no, “Nnipa a wɔbɔɔ mo ahohora no yɛɛ me saa ara nso.”

[4] Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.

[5] Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mmoa mo mma monni Kristo Yesu nhwɛsoɔ no so na moatumi anya saa nsusuiɛ pa no bi,

[6] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mo nyinaa de nne korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

[7] Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no,

[8] Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ somfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu,

[9] na wama Amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei nti, mɛkamfo wo wɔ Amanamanmufoɔ mu na mato dwom akamfo wo din.”

[10] Na ɛka bio sɛ, “Mo Amanamanmufoɔ, mo ne me manfoɔ nni ahurisie!”

[11] Na bio, “Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ; aman nyinaa nkamfo no!”

[12] Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre abɛdi Amanmanmufoɔ so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”

[13] Ɛsiane gyidie a mowɔ wɔ ne mu no nti, Onyankopɔn a anidasoɔ firi no no, bɛma mo ani agye na moanya asomdwoeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Honhom Kronkron tumi mu no nti, mo anidasoɔ bɛkɔ so anyini.

[14] Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, ade payɛ ne osuahunu a ɛma motumi kyerɛkyerɛ afoforɔ no ahyɛ mo ma.

[15] Nanso, saa krataa yi mu no, masi me bo wɔ nnoɔma bi a mabɔ mo ho kɔkɔ wɔ ho pɛn no ho. Ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti na ama me bo ayɛ duro,

[16] sɛ meyɛ Kristo Yesu somfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɔ adwuma ma Amanamanmufoɔ no. Mesom sɛ ɔsɔfoɔ, ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔ a ɛsɔ ani a Honhom Kronkron no de ama Onyankopɔn.

[17] Me ne Kristo ayɛ baako yi, afei, metumi hoahoa me ho wɔ Onyankopɔn som mu.

[18] Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam me so kasa na meyɛ adwuma ma Amanamanmufoɔ yɛ ɔsetie ma no.

[19] Nokorem, mɛkyerɛ sɛdeɛ Kristo nam Honhom Kronkron tumi so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ. Enti, mʼakwantuo a metu mefirii Yerusalem baa Iliriko no ama maka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no nyinaa.

[20] Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, merento me fapem wɔ obi deɛ so,

[21] sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.”

[22] Ɛsiane saa asɛm yi nti, nnoɔma pii si me kwan a ɛmmma memma mo nkyɛn.

[23] Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu no, na afei mfeɛ pii ni a meperee sɛ mɛba abɛhu mo no,

[24] mepɛ sɛ meba seesei ara. Sɛ merekɔ Spania a, mɛpɛ sɛ mɛhu mo na moaboa me ama makɔ hɔ berɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakraa bi no.

[25] Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no.

[26] Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu.

[27] Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ Amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no.

[28] Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ makɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo.

[29] Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

[30] Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me.

[31] Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, asɛm bi rento me wɔ wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nsɛm no nni no mu wɔ Yudea, na mesom a mɛsom wɔ Yerusalem no, Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no agye atom.

[32] Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo.

[33] Asomdwoeɛ Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

Romafoɔ — Chapters