Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:14

[1] Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabida. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu.

[2] Onyankopɔn mpoo ne manfoɔ a ɔyii wɔn mfitiaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia ho berɛ a ɔgyina Onyankopɔn anim kasa tia Israelfoɔ no sɛ,

[3] “Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔku me” no.

[4] Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.”

[5] Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn.

[6] Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.

[7] Ɛnneɛ na ɛne deɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma.

[8] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn adwene ne akoma yɛɛ tebɔɔ, na ɛbesi nnɛ yi wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm.”

[9] Na Dawid ka sɛ, “Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!

[10] Ma wɔn aniwa nnuru sum na wɔanhunu adeɛ; na wɔn bɔne nti, ma wɔnhunu amane daa.”

[11] Afei, mebisa sɛ, berɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu.

[12] Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ Amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?

[13] Afei, merekasa akyerɛ mo Amanamanmufoɔ: Ɛsiane sɛ meyɛ Amanamanmufoɔ somafoɔ nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho.

[14] Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo Amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa.

[15] Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufoɔ.

[16] Sɛ wɔde brodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ wɔde dua ntini ma Onyankopɔn a, na ne mman no yɛ ne dea.

[17] Wɔapompan ngo dua a wɔahyɛ da adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛ da annua no mman abɛhyɛ nʼananmu. Mo Amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ mo ne Yudafoɔ no nyinaa nyaa Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ.

[18] Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ mobu mman a wɔapompan no animtia. Ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Moyɛ mman kɛkɛ; nhini no nnan mo na mo na modan nhini no.

[19] Na mobɛka sɛ, “Aane, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.”

[20] Ɛyɛ nokorɛ, wɔbubuu wɔn ma wɔde mo sii wɔn ananmu, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni, nanso mo deɛ, mogye di nti na mowɔ hɔ. Nanso, monnnwene ho ahantan mu, mmom monsuro na montɔ mo bo ase.

[21] Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛ wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?

[22] Ɛha na yɛhunu Onyankopɔn ayamyɛ ne ne den a ɔyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔahwe aseɛ no so, nanso sɛ mokɔ so tena ase wɔ nʼayamyɛ mu a, ɔbɛhu mo mmɔbɔ. Na sɛ moantena nʼayamyɛ mu a, ɛnneɛ ɔbɛpan mo.

[23] Na sɛ Yudafoɔ no gyae wɔn gye a wɔnnye nni no a, ɔbɛsane de wɔn asi wɔn dada mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi de wɔn akɔsi wɔn siberɛ bio.

[24] Mo Amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua a wɔapan na wɔde akɔfam ngo dua a wɔahyɛ da adua no dutan ho. Yudafoɔ te sɛ ngo dua a wɔahyɛ da adua. Na ɛrenyɛ Onyankopɔn den sɛ ɔde mman a wɔapan no bɛsane afam ne dutan ho.

[25] Me nuanom, ahuntasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mohunu. Ɛbɛma mo ani ada mo ho so na moannaadaa mo ho sɛ moyɛ anyansafoɔ. Saa ahuntasɛm no ni. Israelfoɔ komapirim no nyɛ adeɛ a ɛbɛtena hɔ daa, na mmom, ɛbɛtena hɔ akɔsi sɛ Amanamanmufoɔ no nyinaa bɛdane de wɔn ho ama Onyankopɔn.

[26] Na saa kwan yi so na Israelfoɔ nam bɛnya nkwagyeɛ. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Agyenkwa no bɛfiri Sion aba, na wɔbɛyi amumuyɔsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu.

[27] Sɛ mepopa wɔn bɔne a, apam a me ne wɔn bɛpam no ni.”

[28] Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, Amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne man a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom nti.

[29] Sɛ Onyankopɔn yi obi, hyira no a, ɔnsesa nʼadwene wɔ ne ho.

[30] Na mo Amanamanmufoɔ deɛ, berɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn nanso afei deɛ, moanya Onyankopɔn adom, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no nso yɛɛ asoɔden.

[31] Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no nti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔn nso, Onyankopɔn bɛdom wɔn.

[32] Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔnam so bɛma wɔn nyinaa nsa aka nʼadom.

[33] O Onyankopɔn, ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a ɛmu dɔ! Wɔrenhunu nʼatɛmmuo mu pɛɛpɛeɛ, na wɔrenhunu nʼakwan akyi hwehwɛ nwie da.

[34] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Hwan na ɔnim Awurade adwene anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?

[35] Anaasɛ hwan na ɔmaa Onyankopɔn biribi kane na watua no so ka?”

[36] Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.

Romafoɔ — Chapters