Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:40

[1] Monnye obi a ne gyidie sua mfra mo mu; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ.

[2] Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara

[3] Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no.

[4] Wo ne hwan a wobu obi somfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim no, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.

[5] Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.

[6] Obiara a ɔbɛbu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔdi biribi no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔda Onyankopɔn ase wɔ saa aduane no ho. Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔdi nnoɔma bi no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam, na ɔda Onyankopɔn ase wɔ so.

[7] Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;

[8] sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ.

[9] Na yei nti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura.

[10] Na wo, afei, adɛn nti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn.

[11] Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.”

[12] Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.

[13] Ɛno nti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atɛmmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.

[14] Nkabɔmu a me ne Awurade Yesu ayɛ no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no.

[15] Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wuiɛ no.

[16] Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne.

[17] Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a Honhom Kronkron no ma.

[18] Obiara a ɔsom Kristo saa kwan yi so no, Onyankopɔn ani sɔ na nnipa bu no.

[19] Ɛno nti, ɛsɛ sɛ berɛ biara, yɛdwene nnoɔma a ɛde asomdwoeɛ ba ho na yɛnam so ahyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie den.

[20] Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɔ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne.

[21] Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe nam, nnom bobe anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua.

[22] Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn.

[23] Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɔ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne.

Romafoɔ — Chapters