[1] Atɛmmuo nni hɔ ma wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea.
[2] Honhom Kronkron ama mo nkwa a ɛfiri Yesu Kristo. Ɛno na ama moade mo ho afiri mmara a ɛde bɔne ne owuo ba no ho.
[3] Ɛsiane ɔhonam mmerɛyɛ nti, deɛ Mose Mmara no antumi anyɔ no, Onyankopɔn yɔeɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de popaa yɛn bɔne.
[4] Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a yɛnam ɔsetie a yɛyɛ ma Honhom Kronkron so bɛdi Mmara no so na yɛnyɛ deɛ yɛn ankasa pɛ.
[5] Wɔn a wɔte ase ma bɔne, bɔne na ɛdi wɔn so. Wɔn nso a wɔte ase ma Honhom no, Honhom na ɛdi wɔn so.
[6] Wɔn a ɔhonam di wɔn so no, ɛwie wɔn owuo. Wɔn nso a Honhom di wɔn so no, ɛwie wɔn nkwa ne asomdwoeɛ.
[7] Sɛ ɔhonam di onipa a, ɛma no dane Onyankopɔn tamfoɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni Onyankopɔn mmara so; na ɔrentumi nni so nso da.
[8] Wɔn a wɔn nipasu di wɔn so no rennya Onyankopɔn anim animuonyam.
[9] Monte ase mma ɔhonam; na mmom, mote ase ma Honhom no. Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, monnte ase mma ɔhonam. Obiara a Kristo Honhom nte ne mu no nyɛ Kristo dea.
[10] Ɛwom sɛ bɔne ama mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, tenenee nti, mo honhom te ase.
[11] Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii owuo mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii owuo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa.
[12] Enti anuanom, yɛwɔ asɛdeɛ bi, ɛno nti ɛnsɛ sɛ yɛma nipadua no di yɛn so.
[13] Sɛ motena ase ma mo nipadua no a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa.
[14] Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.
[15] Ɛfiri sɛ, honhom a Onyankopɔn de ama mo no mma monyɛ nkoa na ɛmma monsuro nso. Na mmom, Honhom no ma moyɛ Onyankopɔn mma na yɛnam Honhom no tumi no so su frɛ Onyankopɔn sɛ, “Agya! Mʼagya!”
[16] Onyankopɔn Honhom no ankasa di yɛn honhom mu adanseɛ sɛ yɛyɛ Oyankopɔn mma.
[17] Ɛsiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti, yɛbɛnya ne nhyira a ɔde hyira ne nkurɔfoɔ no bi. Saa ara nso na yɛbɛnya nhyira a Onyankopɔn de asie ama Kristo no bi; ɛfiri sɛ, sɛ yɛne Kristo hunu amane a, yɛbɛnya nʼanimuonyam no nso bi.
[18] Menim sɛ animuonyam a yɛbɛnya daakye no bɛso asene amane a yɛrehunu saa berɛ yi mu no.
[19] Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan.
[20] Na wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu a ɛmfiri abɔdeɛ no tumi mu, nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ,
[21] sɛ da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam.
[22] Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa berɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no.
[23] Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apini berɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso.
[24] Na wɔnam saa anidasoɔ yi so na agye yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔhunu so.
[25] Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.
[26] Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn.
[27] Onyankopɔn a ɔhunu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.
[28] Yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na ɔnam nʼadom no so afrɛ wɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma ɛwie wɔn yie.
[29] Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan.
[30] Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.
[31] Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?
[32] Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa nti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?
[33] Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem.
[34] Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no.
[35] Hwan na obɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa?
[36] Dabida! Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wo nti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛkum wɔn”.
[37] Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.
[38] Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ anaa nnoɔma a ɛrebɛba anaa tumi
[39] anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.