Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:14

[1] Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no nti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, Mmara di ne so.

[2] Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio.

[3] Ɛno nti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho berɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.

[4] Ɛsiane sɛ moyɛ Kristo nipadua no ho akwaa nti, Mmara no nni mo so tumi. Mowɔ ho kwan sɛ mode mo ho ma Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu baa nkwa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi asom Onyankopɔn.

[5] Berɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo.

[6] Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu maa deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.

[7] Enti, afei yɛbɛka sɛn? Mmara no ankasa yɛ bɔne? Dabida! mmom, ɛnam Mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ.

[8] Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nnoɔma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi.

[9] Ansa na mehunu mmara no na mede me ho. Nanso Mmara nsɛm no baeɛ no, bɔne gyee ntini me mu

[10] na mewuiɛ. Na ɛyɛɛ saa maa Mmara nsɛm a ɛbaa sɛ ɛrebegye nkwa no, ɛde owuo brɛɛ me.

[11] Bɔne nam mmara nsɛm no so nyaa me ho kwan daadaa me; ɛnam mmara nsɛm no so maa bɔne kum me.

[12] Nanso Mmara no yɛ kronn; na Mmara nsɛm no nso yɛ kronn, ɛtene na ɛyɛ nso.

[13] Yei kyerɛ sɛ adeɛ a ɛyɛ papa no na ɛde owuo brɛɛ me anaa? Dabida! Bɔne na ɛyɛɛ saa! Bɔne nam papa so de me kɔɔ afɔbuo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me bɔne su bɛda ne ho adi. Enti, ɛnam mmara nsɛm so maa wɔhunu sɛ bɔne yɛ amumɔyɔ ankasa.

[14] Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn no sɛ akoa ama bɔne.

[15] Mente deɛ meyɔ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ deɛ mekyi.

[16] Sɛ meyɔ deɛ mempɛ sɛ meyɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ.

[17] Enti, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei, na mmom bɔne a ɛte me mu no.

[18] Menim sɛ ade pa biara nte me nipasu no mu; ɛfiri sɛ, pɛ a mepɛ sɛ meyɛ ade pa no wɔ me mu, nanso mentumi nyɛ.

[19] Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ.

[20] Sɛ meyɔ deɛ mempɛ sɛ meyɔ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

[21] Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ.

[22] Me kra ani gye Onyankopɔn mmara ho.

[23] Nanso, me mu no, mete nka sɛ biribi ko tia mʼadwene. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara.

[24] Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi?

[25] Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Enti, sɛdeɛ mete ni. Mʼankasa mɛtumi de mʼadwene a menam mmara so masom me Nyankopɔn wɔ berɛ a me nipadua deɛ ɛsom bɔne.

Romafoɔ — Chapters