[1] Na sɛ saa na ɛteɛ; deɛ a, na Yudaniyɛ no ho mfasoɔ ne sɛn? Biribi wɔ Yudafoɔ twetiatwa no mu?
[2] Aane, sɛ woyɛ Yudani a, ɛho wɔ mfasoɔ bebree. Deɛ ɛdi kan no, Onyankopɔn de ne Mmara hyɛɛ wɔn nsa
[3] Ɛyɛ nokorɛ sɛ na wɔn mu bi nni gyedie wɔ ne mu. Na gyedie a wɔnni wɔ Nyankopɔn mu no kyerɛ sɛ ɔbɛbu ne bɔ a wahyɛ wɔn no so anaa?
[4] Dabida! obiara yɛ ɔtorofoɔ deɛ, nanso Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Wokae deɛ ɔyi firii Israel Nnwom mu a ɛfa yei ho a ɛka sɛ, “Onyankopɔn nsɛm bɛyɛ nokorɛ daa na ɔbɛdi bem wɔ asɛnniibea.”
[5] Na sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, yɛbɛka sɛn? Sɛ Onyankopɔn twe yɛn aso a, yɛbɛka sɛ wayɛ bɔne? Ɛyɛ asɛm a merebisa kɛkɛ.
[6] Ɛnte saa koraa! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn?
[7] Obi bebisa sɛ, “Adɛn nti na wobu me ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ berɛ a mʼakwammɔne da Onyankopɔn nokorɛ die ne nʼanimuonyam adi?”
[8] Ɛnneɛ ankayɛnka sɛ, “Momma yɛnyɛ bɔne na papa mfiri mu mmra.” Nokorɛm, nnipa bi gye to mu sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
[9] Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene Amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase.
[10] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara nyɛ ɔteneneeni;
[11] obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.
[12] “Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.
[13] “Wɔn anom te sɛ damena a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm; wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.
[14] “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.
[15] “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho.
[16] “Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
[17] Na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.
[18] “Na wɔnsuaa sɛdeɛ wɔsuro Onyankopɔn.”
[19] Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no nti, obiara nni anoyie, na Onyankopɔn fam no, ɛda no adi sɛ wiase nyinaa di fɔ.
[20] Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no ka ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne.
[21] Onyankopɔn ada ɛkwan a ɔnam so gye nnipa to mu no adi. Saa kwan no ne Mmara nni hwee yɔ. Na Mmara no ne Adiyifoɔ Nwoma no di ho adanseɛ.
[22] Onyankopɔn nam ɔgye a nnipa gye Yesu Kristo di no so ma wɔyɛ ateneneefoɔ. Onyankopɔn yɛ yei ma wɔn a wɔgye no di nyinaa, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyi mu
[23] Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn nkwagyeɛ abɔ wɔn.
[24] Nanso, ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde kyɛ kwa no nti, ɔnam Yesu Kristo so agye wɔn.
[25] Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔnam ne mu gyedie so bɛgye yɛn. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ sɛ mmerɛ a atwam no na ɛyɛ sɛ ɔnyaa ntoboaseɛ de bɔne kyɛeɛ.
[26] Yei kyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn gye wɔn a wɔwɔ gyedie wɔ Yesu mu to mu a, na ɔyɛ onokwafoɔ.
[27] Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no nti anaa? Dabi, na mmom, gye a yɛgye di no nti.
[28] Ne tiawatwa ne sɛ, onipa nam gyidie so na ɔfata Onyankopɔn anim, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no nti.
[29] Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Nyankopɔn anaa? Ɔnyɛ Amanamanmufoɔ nso Nyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ Amanamanmufoɔ nso Nyankopɔn.
[30] Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie a Yudafoɔ wɔ so bɛma wɔafata nʼanim. Na saa ara nso na Amanamanmufoɔ nam wɔn gyidie so bɛfata nʼanim ara ne no.
[31] Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabida, ɛsɛ sɛ yɛdi Mmara no nso so.