Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:57

[1] Afei a wɔnam gyidie so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ.

[2] Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam.

[3] Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba,

[4] na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.

[5] Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.

[6] Ɛfiri sɛ, berɛ a yɛnni mmoa biara no, Onyankopɔn pɛ mu, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ.

[7] Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no.

[8] Nanso, Onyankopɔn akyerɛ yɛn ɔdɔ a ɔde dɔ yɛn; berɛ a yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no na Kristo wu maa yɛn.

[9] Ɛnam ne wuo no so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani; na wɔbɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuo mu nso.

[10] Na yɛyɛ Onyankopɔn atamfoɔ nanso ɔnam ne Ba no wuo so ama yɛayɛ ne nnamfo. Afei a yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo yi, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɔnam ne Ba no ase a ɔte no so bɛgye yɛn nkwa!

[11] Ɛnyɛ ne nyinaa ni, yɛn ani agye sɛ Onyankopɔn somaa yɛn Awurade Yesu Kristo sɛ ɔmfa asomdwoe mmra yɛ ne Onyankopɔn ntam.

[12] Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno nti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.

[13] Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, faako a Mmara nni no, wɔmmu bɔne ho akonta.

[14] Nanso, ɛfiri Adam berɛ so kɔsi Mose berɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so, kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam tesɛ Kristo a ɔbaa akyire yi no.

[15] Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baakofoɔ no bɔne nti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom a bebree kwa no.

[16] Na nsonoeɛ da Onyankopɔn akyɛdeɛ ne bɔne a onipa baako bi yɛeɛ ntam. Bɔne baako akyi no na atɛmmuo a ɛkyerɛ “Afɔbuo” baeɛ; nanso bɔne bebree akyi no na akyɛdeɛ a yɛmfata a wɔfrɛ no “Bembuo” nso baeɛ.

[17] Ɛsiane saa onipa baako no nti, ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛnam ne bɔne no so maa owuo dii yɛn so hene. Na ade kɛseɛ bɛn na ɛbaa adeɛ a onipa bannipako a ɔyɛ Yesu Kristo no yɔeɛ no akyi? Wɔn a wɔanya Onyankopɔn adom bebrebe ne ne tenenee kwa no nam Yesu Kristo so bɛdi hene.

[18] Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako ma nnipa de wɔn ho, nya nkwa nso.

[19] Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ bɔne no, saa ara nso na onipa baako setie nti, nnipa pii bɛsɔ Onyankopɔn ani.

[20] Wɔhyɛɛ mmara, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a bɔne tumi bɛda adi; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne da adi no, Onyankopɔn adom no dɔɔso bebree.

[21] Enti sɛdeɛ ɛnam owuo so nti bɔne dii nim no, saa ara nso na ɛnam tenenee so Onyankopɔn adom di nim nam Yesu Kristo, yɛn Awurade so, de yɛn kɔ nkwa a ɛnsa da mu ne no.

Romafoɔ — Chapters