Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:44

[1] Me nnamfonom a mowɔ Roma, saa nwoma yi firi me Yesu Kristo somfoɔ Paulo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.

[2] Saa asɛmpa yi ka no, Onyankopɔn adiyifoɔ hyɛɛ ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu.

[3] Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.

[4] Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu.

[5] Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn.

[6] Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.

[7] Ɛno nti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no. Ɔdom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.

[8] Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru wiase mmaa nyinaa.

[9] Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.

[10] Berɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara.

[11] Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.

[12] Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden berɛ koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den.

[13] Me nuanom, monkae sɛ berɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ Amanamanmufoɔ mu no.

[14] Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie.

[15] Ɛno nti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no makyerɛ mo.

[16] Mʼáni nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyedie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna Amanamanmufoɔ no nso.

[17] Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyedie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ateneneefoɔ firi gyedie mu bɛnya nkwa.

[18] Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi soro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hunta afoforɔ no.

[19] Onyankopɔn ho nokwasɛm no da adi wɔ wɔn mu; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu.

[20] Ɛfiri sɛ berɛ a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nnoɔma yi, enti wɔnni anoyie biara.

[21] Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.

[22] Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ.

[23] Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɔɔ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.

[24] Ɛno nti, Onyankopɔn apo wɔn sɛ wɔnyɛ afideɛ a ɛfiri wɔn koma mu na afei, wɔne wɔn ho wɔn ho nyɛ aniwudeɛ nso.

[25] Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsom abɔdeɛ twaa Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no gyaeɛ. Amen.

[26] Ɛsiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔnmaa wɔyɛɛ aniwudeɛ, maa mpo na mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa.

[27] Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.

[28] Ɛsiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nnoɔma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.

[29] Amumɔyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuo,

[30] kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho; wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm.

[31] Na wɔnni suban; na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ.

[32] Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Na wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.

Romafoɔ — Chapters