Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:30

[1] Ɛno nti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu.

[2] Monnyɛ mo ho sɛ wiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakyera mo adwene wɔ mo mu na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.

[3] Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene ahobrɛaseɛ mu na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so mmu ne ho atɛn.

[4] Yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua baako ho. Saa akwaa yi biara wɔ dwuma a ɛdi.

[5] Saa ara na ɛte. Ɛwom sɛ yɛdɔɔso deɛ, nanso yɛyɛ honam korɔ a yɛne Kristo ayɛ baako na yɛn nyinaa keka yɛn ho bobɔm sɛ nipadua baako ho akwaa.

[6] Enti ɛsɛ sɛ yɛnam adom a Onyankopɔn de adom yɛn no so de yɛn akyɛdeɛ ahodoɔ no di dwuma. Sɛ yɛn adom no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛnam gyidie a yɛwɔ no so di saa dwuma no.

[7] Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ɛsɛ sɛ yɛsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ.

[8] Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Deɛ obiara wɔ a ɛsɛ sɛ ɔma afoforɔ nya bi no ɛsɛ sɛ ɔfiri koma pa mu yɛ saa; obiara a ɔwɔ tumi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsi; obiara a ɔyɛ ayamyɛ ma afoforɔ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no anigyeɛ so.

[9] Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɔ. Monsɔ ade pa yɛ mu.

[10] Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu na monni afoforɔ ni nsen mo ho.

[11] Monyɛ nsi na monnyɛ aniha. Momfa koma pa nsom Awurade.

[12] Momma mo anidasoɔ nkanyane mo. Amaneɛ mu monyɛ komm na berɛ biara mu, mommɔ mpaeɛ.

[13] Momma mo nuanom ahiafoɔ mo ahodeɛ a mowɔ no bi na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu.

[14] Monsrɛ Onyankopɔn na ɔnhyira wɔn a wɔtaa mo no; aane, monsrɛ no na ɔnhyira wɔn na monnsrɛ no mma ɔnnnome wɔn.

[15] Mo ne anigyefoɔ ani nnye na mo ne awerɛhofoɔ werɛ nho.

[16] Mo ne afoforɔ ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan. Afei, mommpɛ animhwɛ wɔ nnipa atitire mu, na mmom, momfa mo ho mfra mpapahwekwaa. Monnnwene sɛ moyɛ anyansafoɔ.

[17] Sɛ obi yɛ mo bɔne a, mommfa bɔne nntua no so ka. Deɛ ɛbɛma nnipa de nnidie ama mo no, ɛno na monyɔ.

[18] Biribiara a mogye di sɛ moyɔ a ɛbɛma mo ne nnipa nyinaa atena ase asomdwoeɛ mu no, ɛno na monyɔ.

[19] Me nnamfonom, monnyae awerɛtɔ mma Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛtua bɔne so ka, mɛtua ka, Awurade na ɔseɛ.”

[20] Na Atwerɛsɛm no ka biosɛ, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfoɔ a, ma no aduane nni. Sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”

[21] Mommma bɔne nnni mo so. Mmom, momma papa nni mo so.

Romafoɔ — Chapters